Skɔlahyip a wɔde ma kwa

From Wikimania 2012 • Washington, D.C., USA
This page is a translated version of the page Scholarships and the translation is 91% complete.
Outdated translations are marked like this.
Update: The scholarship applications are now closed and under review by the Scholarship Committee. Recipients will be notified in early April. Thanks to all the great applicants; we appreciate your patience!



Mfe 2012 Wikimania Nhyehyeε

Washington, DC mfonini


Wikimania Mfe 2012, yε nea εtɔ so awotwe, amanaman ntam nhyiam a wɔyε. Wɔbεyε afe yi de wɔ July da a etɔ so 12-15. Wɔbεyε saa nhyiam kεse yi wɔ Sukuupɔn a wɔfrε no George Washington UniversityWashington D.C., a εwɔ United States. Dwumadi kuw a wɔfrε wɔn Wikimedia ne akuw afoforo a wɔwɔ aman ahorow so te sε Wikimedia Australia, France, Hungary ne Israel reboa ma ankorankora bi na woasɔ wɔn asen ma wanya kwan akɔ saa nhyiam kεse yi a εreba yi.

Wɔ ebinom fam no, wobetua wɔn akwantu no ho ka nyinaa ama wɔn kwa. Nanso afoforo de, wobetua fa bi na onii no nso atua fa bi na ama woatumi akɔ Wikimania 2012 a εreba no.

  • Wɔn a wobetua akwantu no ho ka nyinaa no benya ne kɔ ne ne ba mu kyεfa, baabi a wɔbεda, ne akwantu nkrataa no nyinaa kwa a wontua hwee
  • Wɔn a wobetua εka no fa bi ama wɔn no, sika dodow a dwumadi kuw yi de bεma wɔn yε €300 a wɔde bεte wɔn akwantu ka so.

Dwumadi no botae ahorow

  • Sε Wikimania 2012 bεyε amanaman ntam nhyiam kεse a ebedi mu.
  • Sε wɔbεboa Wikimedia dwumadi ne nhyehyeε ahorow sε ebεkɔ so denam afoforo a wobεhyε wɔn nkuran ma woanya mu kyεfa.
  • Sε wɔbεma nhyiam no ayε nea εyε anigye esiane nnipa a wofi aman ahorow ne kasa ahorow mu na behyiam aboa Wikimedia kuw no.

Mεyε dεn anya saa mmoa yi?

So wopε sε wohu anaa wohyia wɔn a woanya Wikimania Dwumadi yi mu kyεfa pεn no anaa?

Sε wopε sε wohu na wosua wɔn a woanya mu kyεfa no pεn no a, wobetumi ahyia wɔn mu bi a wonyaa hokwan kɔɔ bi afe a etwam no. ‘’’application form’’’.

‘’’W ɔn a wofata’’’ (Wɔn a wɔbetumi afata ma wɔako saa nhyiam kεse yi bi): Obi biara a onya kyεfa wɔ Wikimedia a εwɔ internεt yi so dwumadi ahorow mu nyinaa tumi nya hokwan kɔ bi. Baabi a wote wɔ wiase yi mu fa baabiara nfa ho. Sε woboa denam wo nimdeε so, sε wokyerεw kɔmputa so dwumadi ahorow, anaa woboa ma sukuu ho nneεma kɔ so no nso betumi anya mu kyεfa.

‘’’Sεnea Wɔpaw nnipa’’’: Sε wokyerεw sε wopε sε wokɔ bi a, kuw ketewa bi a wɔfrε wɔn Scholarship review committee, bεhwehwεm. Εno nti wɔde wo botae ne nea wopε sε woyε ma wiase nyinaa kuw yi bεtoto wɔn ankasa botae ahorow ho na sε εne no bɔ anan ɔkwan bi so a, wobetumi afa wo. Hwε “Scholarship Selection” a εwɔ ase ha no.

‘’’Da a etwa to’’’: Bere a wɔde gyegye saa akwanbisa nkrataa fi wɔn a wɔpε sε wɔkɔ bi no gu so ara na εbεba ewie wɔ February da a εtɔ so 15. Kan ho nsεm pii wɔ <-- Scholarships/FAQ#Application_timing? -->

Kan ho nsεm mua no fa Wikimania 2012 no ho wɔ FAQ page.

Sεnea wɔahyehyε no

Ɛbere a Scholarships Review Committee nsa aka nkrataa a ɛkyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ nyinaa awie no, wɔgyina nneɛma ahorow pɔtee bi so na woapaw saa nnipa yi mu bi. Dwumadi no nyinaa nhyehyɛe no bεkɔ sei:

  • ‘’’January 16 – February 16, 2012’’’ – Wobue kwan ma obiara de ne krataa a woahyehyɛ a ɛkyerɛ sɛ onii no pɛsɛ ɔkɔ bi no ba.
  • ‘’’January – March, 2012 mfiase’’’ – Kuw a wɔma hokwan no hwehwɛ nkrataa a obiara de aba mu.
  • ‘’’March ba awie a’’’ – Wɔpene wɔn a wɔbɛkɔ no so na wɔma wɔn aso te.

Wɔbɛkyekyɛ WMF skolahyip no ama wɔn a wofi wiase afanan nyinaa no wɔ ɔkwan yi so:

Africa ɔha mu nkyem du (10%)
Asia & Pacific ɔha mu nkyem aduasa (30%)
CIS ɔha mu nkyem du (10%)
North America ɔha mu nkyem du (10%)
South/Latin America ɔha mu nkyem aduonu (20%)
Wiase nkyekyem no a International Telecommunications Union (ITU) ayε no na wogyina kyekyεε mu yi.

Saa ahwehwε de koro yi a edidi so yi na wɔbεhwehwε afi obiara a ɔbεhyehyε ne akwanmisa krataa no. Nanso wobegyina baabi a onii no te (kɔntinεnt ko a ofi so) na woasusuw ho apaw wɔn.

Skolahyip Ahorow

  • ’’’Skolahyip no nyinaa’’’ no bεfa akwantu no kɔ, adan a wobetena mu, ne akwantu no ho nkrataa nyinaa.
  • ’’’Skolahyip no fa bi’’’ no de, Wikimani betua Euro 300 ma wode atew wo akwantu ho ka ahorow so.

Ahwehwεde abien yi ara na wobεhwehwε afi wɔn a wode wɔn nkrataa bεba nyinaa ho. Wɔ wo skolahyip krataa no so no, yεsrε wo, kyerε sε wopε sε wotua ho ka nyinaa anaasε wopε sε wotua fa na Wikimania nso tua ka no fa. Esiane sε nyε sε yεrehwehwε wɔn a wɔn ho bεso akwantu no so nti, yεgyedi sε obi biara a ɔbεkyerεw sε obetua εka no fa no betumi ayε saa sεnea εbama hokwan aba ama wɔn a wontumi ntua εho ka nyinaa anya saa nhyiam kεse yi so mfaso.

Nea wɔgyina so paw, 2012 mu

Nea wɔgyina so paw: Titiriw paa
Sεnea wode wo ho hyε Wikimedia dwumadi ahorow mu (wɔ wiki so ne nea εnka wiki ho nyinaa)
Sεnea wode wo ho hyε dwumadi ahorow a εnka Wikimedia ho nanso εne no wɔ twaka bi.
Mmoa a wopε sε wode ma Wikimedia Kuw yi daakye

Wɔbegyina nneεma abiεsa yi so na ahyehyε wɔn a wɔbεkyerεw wɔn din aba: (A) Sεnea wode wo ho hyεε Wikimedia dwumadi ahorow mu, bere atwaam ne mprempren (ɔha mu nkyem aduonum 50%) (B) Sεnea wode wo ho hyεε nimdeε a wɔde ma kwa mu, softwεε ahorow a wode mae, ne sεnea wɔne akuw ahorow dii nsawɔso no bere bi atwaam ne mprenpren (ɔha mu nkyem dunum 15%) (C) Mmoa a wopε sε wode ma Wikimedia Kuw yi daakye (ɔha mu nkyem aduasanum 35%)

Ahokeka wɔ Wikimedia mu “(50%)”

Wɔn a wɔn ahokeka sɔ ani wɔ Wikimedia mu ne wɔn a wɔde wɔn ho hyε Wikimedia dwumadi ahorow mu te sε wɔn a wɔboa siesie afoforo nsεm, wɔn a wɔka Wikimedia ‘Mpɔtam’ , ne wɔn a wɔnam wɔn suahu, wɔn nimdeε ne wɔn ahofama so boa, sε εyε intanεt so oo, sε wɔn ankasa kɔmputa so oo, ne afoforo pii.

4 = Obi a ɔde ne ho hyεm ‘paa’, a εkyerε sε ɔwɔ mpɔtam ahorow so na ɔboa afoforo ma wɔkyerεw wɔn nsεm gu Wikimedia so.
3 = Obi a ode ne ho hyεm, a εkyerε sε ɔwɔ mpɔtam ahorow so na ɔboa afoforo ma wokyerεw wɔn nsεm gu Wikimedia so.
2 = Obi a n’ahokeka yε hɔ-ne-hɔ, a εkyerε sε ɔwɔ mpotam ahorow so na ɔboa afoforo ma wɔkyerεw wɔn nsεm gu Wikimedia so.
1 = Obi a n’ahokeka nkɔ nkan papa esiane sε ebia obuee ne Wikimedia acaunt nkyεe na sεnea ɔboa afoforo no sua.
0 = Obi a onnya mu kyεfa koraa, a εkyerε sε obuee ne acaunt no nkyεe koraa anaa sε ɔmmoaa obi mpo yε, a ne tiawa mu no, ɔmmoa Wikimedia Dwumadi ahorow no mu biara ɔkwan biara so.

Dwumadi wɔ mmeae afoforo a εnka Wikimedia ho‘’(15%)’’

‘’’Dwumadi wɔ mmeae afoforo a εnka Wikimedia ho”: Yεbεkyerε eyi mu sε obi a ɔka dwumadi afoforo a εne Wikimedia Kuw no wo twaka nanso nhyε Wikimedia ase pɔtee. Ɔfa ahorow a εte saa no bi ne ICT4D, Free Software, sukuupɔn ahorow, ne nea εkeka ho. Saa nnipa yi bεda no adi sε wɔwɔ ahofama, na wɔde wɔn ho hyε mu εmfa ho ɔman anaa kurow a obi fi mu so.

Εdenam εno so no, wotumi de kari hwε hu wɔn a wɔwɔ ɔpε na wobetumi ayε biribi pa ama Wikimedia Kuw yi, na wɔama ma kuw yi akɔso anya nkɔanim bere nyinaa, na nneεma a wosua wɔ Wikimedia nhyiam ahorow ase no, woatumi de aboa wɔn ankasa mpɔtamfo ma wɔn so asua pii. Sε worekyerεw wo din aba mpo a, wobetumi de akuw afoforo a wone wɔn abɔ nkɔmmɔ afa Wikimedia ho pεn aka ho ahyε wo akwanmisa krataa no so. 
4 = Obi a ɔde ne ho hyεm ‘paa’, a εkyerε sε ɔwɔ mpɔtam ahorow so na ɔboa afoforo ma wɔkyerεw wɔn nsεm gu Wikimedia so.
3 = Obi a ode ne ho hyεm, a εkyerε sε ɔwɔ mpɔtam ahorow so na ɔboa afoforo ma wokyerεw wɔn nsεm gu Wikimedia so.
2 = Obi a n’ahokeka yε hɔ-ne-hɔ, a εkyerε sε ɔwɔ mpotam ahorow so na ɔboa afoforo ma wɔkyerεw wɔn nsεm gu Wikimedia so.
1 = Obi a n’ahokeka nkɔ nkan papa esiane sε ebia obuee ne Wikimedia acaunt nkyεe na sεnea ɔboa afoforo no sua.
0 = Obi a onnya mu kyεfa koraa, a εkyerε sε obuee ne acaunt no nkyεe koraa anaa sε ɔmmoaa obi mpo yε, a ne tiawa mu no, ɔmmoa Wikimedia Dwumadi ahorow no mu biara ɔkwan biara so

Wo Daakye atirimpɔw a εfa Wikimedia ho

Εsε sε wɔn a wɔpε sε wɔko bi no wɔ botae a εwɔ nyinaso titiriw paa a εfa sεnea nhyiam no a wɔbεkɔ bi no bεka wɔn ahokeka wɔ Wikimedia Kuw yi mu daakye. Εsε sε wɔkyerεkyerε mu paa yiye ma emu da hɔ fa nea enti a wɔpε sε wɔkɔ bi: nea wɔpε sε wonya fi saa nhyiam yi mu, ne nea wɔpε sε wɔde boa afoforo wɔ nhyiam no ase.

4 = Ɔpε a emu den paa sε Wikimedia no benya nkɔanim bere nyinaa, na woda sεnea woda nsow ne nneεma a wobɔ wo ho mmɔden wom
3 = Ɔpε a emu den sε Wikimedia Kuw no benya nkɔanim bere nyinaa, na woda sεnea woda nsow ne nneεma a wobɔ wo ho mmɔden wom
2 = Ɔpε kakra sε ɔbεboa ma Wikimedia anya nkɔanim bere nyinaa
1 = Ɔpε a εba fam koraa na emu nna hɔ sε ɔbεboa Wikimedia Kuw no.
0 = Ɔnna nsoo ho dae mpo sε ɔbεboa Wikimedia kuw no wɔ ɔkwan biara so.

Skɔlahyip Afanan Ahorow

Afanan ahorow wɔ hɔ a wɔboa ma skɔlahyip ahorow yi wɔ wiase nyinaa na wɔakyekyε wɔn mu sε εyε Africa anaa Europe anaa baabi foforo no. Bɔ mmɔden ara na hwε hu baabi a wobεda εbere a woama wo skɔlahyip no.

Εmfa ho sε wɔbεgyegye obiara ho nsεm wɔ intanεt so no, wɔbεkyekyε na obiara akɔda ne kɔntinεnt a ofi mu so. Sε kuw ketewa biara nni wo kɔntinεnt no mu a ɔsɔ skɔlahyipfo asen a, wɔbεma wiase nyinaa kuw no na asɔ wo asen.

Nsεmmisa

Sε wopε ho nsεm pii a εfa Wikimania 2012 Skɔlahyip Dwumadi no ho a, yεsrε wo, kɔ ha Questions & Answers page.

Kyerεw wo din

Εnkosi February da εto 16, 2012, obi biara a ɔpε sε ɔkɔ bi no betumi de ahyehyε akwanmisa krataa no.